Sɛ me te mfikyire baabi
Awɔmframa ne mfutukɔkɔɔ
Awura me mu na abɔ me
Me nan ase mpaboa awe
Na m’akoma rebɔ paripari
Metwa m’ani kɔ ha ba ha
Gyata no reba hyew so!
Meretee so no woteeɛ
W’ani bɔɔ me so no wosuiɛ
Wotamm ntoma de kuruu meho
Homee mframahyeɛ de kanyann me
Yii me nan ase mpaboa kuraeɛ
Wosan de hyɛɛ me na ɛsene mono
M’agyenkwa e, wobaeɛ abere a mamfrɛ wo!
Sapɔ a ɛyɛ bawee ankasa
Samina a ɛkɔ mehwene mu, m’ani
Metiri so nwin a ɛmu nunu ya
Nna fam nso woresiesie me, M’agya
Meto m’ani hwɛ m’akyi sum mu
Hwɛ m’anim ne ahoɔfɛ kyɛ no a
Woyɛ me deɛn, Yesu, mɛdɔ wo!
Woduruu m’akoma mu na kwan nni hɔ
Nkabɔne, ɛfii, nkuku ne nkaka
Yɛato mu krado ato safoa atwene
Wobuu m’akomapono ani, kekaa nneɛma bɔɔ mu
Wotam na woato atwene, paa gya too bi mu
Nna fam nso woresiesie me, M’agya
Woyɛ me deɛn, Yesu, mɛdɔ wo!
Wote sii m’adwen mu na ɛsum kabii
Nsɛnhunu ne abosomsɛm aka adwen no abutu
Wowuraa mu na wosɔɔ wo kanea
Yii m’adwenfi kyerɛɛ me sɛ sini, popaa nenyinara
Nna fam nso woresiesie me, M’agya
Wogye me nyansa o, wogye me nimdeɛ o,
Woyɛ me deɛn, Yesu, mɛdɔ wo!
Nnan a m’asi atwa meho ahyia
Agudeɛ a mede asie, ne dodoɔ!
Ayɔnkofoɔ ne atamfoɔ a manya
Afe rekɔ na afe reba
Wapansan nenyinara, asesa mu
Nna fam nso woresiesie me, M’agya
Woyɛ me deɛn, Yesu, mɛdɔ wo!
Sɛ mamfrɛ wo nso wobaeɛ
Manhwehwɛ wo nso woyii woho adi
Faa me firii owuo mu maa me nkwa
De ntoma fitaa furaa me,sraa me ngo
Na sɛ nnɛ yɛbɔ me din foforo frɛ me deaa
Me Wura, M’agyenkwa, m’ade nyinara
Woyɛ me deɛn, O Kristo, mese mɛdɔ wo!
* This is my first attempt at an all-Akan piece. I would love to know who was able to read it! 🙂
Difficult reading, but I did. Sad to be semi- literate in my own language.
Yesu aaaa, na 3kor!
LikeLike
Daa daa nyinara!
LikeLike
What a beautifully honest love letter.
Check out my attempt at an all-Fante piece
Minnyi Siantsir, Minnyi Dzin (No Reason, No Name) http://wp.me/p2RdbH-2H
LikeLike
I have! Lovely lovely read! And the translation is on-point! Wait, i hope you see this, i will duplicate it as a comment on your post but how about a little challenge. Translate this to English and let’s see. 🙂 Challenge accepted?
LikeLiked by 1 person
Your piece? Ei goodness. I can only try, Amma! Lol
LikeLike
🙂 Try.
LikeLike
Wow.. I love this. I still got my Akan touch. I cld read all.. Happy about that.
LikeLike
*Applause*!!!
LikeLike
WOW. A very impressive piece. I was quite a challenge reading it but so totally worth it. Kudos!
LikeLike
Thanks
LikeLike
incredible Amma. love love love love it Amma. kindly check this out….http://bridgetwhelan.com/2015/01/05/write-for-bbc-radio/
LikeLike
Oh wow, checked it out. Thanks for sharing this!
LikeLike