Mensane meho ngu hefa,
Na anka ɛbia ahomegyeɛ
Bi wɔ baabi a,
Abɛhyia me wɔ kwan ho?
menkyekyɛ me mu ngu he?
Adaagyeɛ nni hɔ ma obiara;
Hwɛ sɛ asomasi akeka mu
Ama ne ne afa,
Nso obiara mpo nnyinaeɛ
Mmisaa sɛ: “annyɛ biara,
Mentam wo nsoa wo anaa?”
Mmerepa kɔ. Nnɛ, yɛmfa nsuo
Ԑnsoma obi kora mu nkɔ ma
Ne nua kwantimfi.
Tema a ayera nti, ɔbɛbrɛ ntɛm,
Nensa bɛgyene,
Ԑbɛdane agu!
“Ԑtua wo yɔnko mu a, ɛtua dua mu”
Na yɛasina de agu yɛn kɔn mu,
Me boa?
Akasaakasa boro so a,
Worente ɔbaakofoɔ ne.
Nti nka obiara nkasa baako baako ɛ?
Ato deɛ ɔbɛdi kan.
Obiara se:
“Ԑnnyɛ onii nti na m’ano da mu yi o!”
Dede hunu kwa!
Biribiara nna din no,
Na akra asa.
Menko…
Obiara nko…
Nti mensane meho ngu hefa?
Kyerɛ me.
Menkyekyɛ me mu ngu he,
Na ɔboafoɔ wɔ baabi a,
Ͻde mmirika abɛtwe me
Agyina me nan so ayɛ me aduro?
Menko…
Obiara nko…
Kuro no abɔ,
Nti na merebisa wo yi.
Kyerɛ me…
Memfa he?
I struggled through it. I wish I could read twi as beautifully as you do.
This is beautiful
LikeLiked by 2 people
😊 Thank you, and thanks for the inspiration.
LikeLike
I didn’t get a word. Efo, may be we should start writing in Ewe too.
LikeLiked by 3 people
I am glad I get this 😊. My teachers haven’t failed. Nice piece
LikeLiked by 1 person
Oh i’m glad too! Thanks
LikeLike
y3a yera efiri s3, y3 nni boafo, oboafo ne hwan?
Na minim s3, nsa k) na nsa aba, na efei de33, 3baa ne s3n ?
LikeLiked by 3 people
This shows you understood it.
LikeLiked by 1 person
Papa paa!
LikeLiked by 1 person
Ei. Nfie mmienu paa? M’ani ntwaa wei so da. Ɛyɛ m’anigye pii mmom sɛ metumi kenkan nea w’atwerɛ yi.
Hmmm…nea wiase no rekɔ no deɛ…hmmm…
LikeLike