Ԑwɔ mu sɛ yɛn ani nka han yi
Nso ayɛ yɛn sɛ ɛnni hɔ mpo no, ɛhyerɛn
Kɔpem sɛ ɛno, anaa yɛn ani, bɛdane abɛhwɛ no biem.
Maadwo.
Merekyea ntetekwaasɛm a
Ayɛ sɛ aka awia ho atɔ yi.
.
Yɛbɛbooboo nsɛm ho wɔ bosomehan no mu
Na yɛato yɛadwene asi yɛn mu han no so,
Na yɛanwene awia ne han a atwam akɔ, nso ɛgu so te yɛakoma mu yi,
Bosome a ɛrehyerɛn yɛn so no adaworoma.
Ԑfa a ɛwɔ yɛn no deɛ, yɛbɛyɛ
Kɔsi sɛ ahoɔden foforɔ bi bɛsane abɛhyɛ no ma.
Maadwo.
Owupa ho nyam ne deɛ ɛba nkwanna pii akyi no,
Nsonsonoeɛ biara nna ntam.
Author’s note: This is a translation of a poem by @OZionn – Good Evening, Mar-Ann-Joh. According to him, the play on Maya Angelou and the twi translation of Good Evening, which is the title of my version, was unintentional. Ha! Look at language and art. ABSOLUTELY BEAUTIFUL!
Again, I felt like my Twi teachers lashed me for nothing in basic school. But I like that you’re writing in Twi lately. Keep them coming. 3noa na y3di b3y3 reading and comprehension lessons in Twi no wai.
LikeLiked by 1 person
Lol adɛn na woreka saa? Was the reading smooth? And thanks. Somehow, i knew eventually i’d be writing more twi.
LikeLike
Mede333,as3 anhy3da ank) t))tee saaa ama me ooo. Mebr33 kakra ansa metume tease33….
Ozionn brofo no nso speedi things kakra….
Anyway, yemu bi nom daase ne wo twi posts no. 😊
LikeLiked by 2 people
Lol!! You know, i’m really surprised how much people people appreciate this. Yɛda Nyame ase paa.
LikeLike