Susu gyegye gu akͻnnwa yi mu;
Susu didi
Anhwε yie a,
Na wode woti ato w’abati so
Asa nkwan no awerεfie mu,
Ama asεe w’ataade fitaa mu.
Nyansa bεn na εwͻ mu,
Sε woretu kwan akͻ serε mu,
Na ade asa wo kwan mu nti,
Wapε baabi a wode woho bεtwere,
Na waduru hͻ atu wo nneεma
A wode nnansa hyehyεeε nyinara agu hͻ,
Abere a wonim sε adeε kye a,
Woresan asi kwan so biem?
Fa aniteε tu saa kwan yi,
Mamfranii,
Na sua woyam kͻm kyere
Na ͻhͻhoͻ nni abε.