Na Wo, me Nyankopɔn –
Dua a mewea, mia m’ani
Bɛn ho, twere ho a,
Awerɛhyɛmu bu fa meso
Sɛ merempɔn nhwe da.
Wo, Ɔkorosa tumi Wura a
Wodi aberempɔn nyinara soɔ.
Nti Wonsono kyim ampa sɛ
Baatan bere a ne ba rebrɛ?
W’ahomeɛ te tesɛ Agya a
Ne dɔba redi nsɛmmɔne?
Nti nnipa dɔm mmeresanten yi
Yɛn nyinara wɔ wo?
Abusuabɔ no yɛ prɛkopɛ?
Obiara yɛ ɔba ma Wo?
Me Nyame, nokorɛ no nie
Sɛ Wonni mmanana bi?
Ne saa deɛ a,
Wo ne owia yi bɛpue abɛtie
Wo mmogyakrogyen yi anɔpasu?
And You, my God –
The tree I crawl and in effort
Draw near to and lean on
And my hope spills over
Knowing I will never fall off.
You, almighty Trinity
Who Lords over lords
Do Your insides turn
Like the mother of a suffering babe?
Do You grieve like the Father
Over the waywardness of a beloved son?
Are we, through all of time,
Fully yours?
Is the lineage sure?
Are we all offspring?
My God, is this truth
That none is but a child of a child?
Truly then,
Would You rise with the sun to heed
The morning cry of an heiress?
I love how well you wrote the Twi! Powerful piece, Amma.
LikeLiked by 2 people
Thank you, Joseyphina.
LikeLiked by 1 person